Tu Fu

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Tu Fu

Tu Fu(About this soundpronounciation of "Tu Fu" ) (Chinese: 杜甫; Wade–Giles: Tu Fu; 712–770) 712-770) yε obi a ɔtwerɛ anwonsɛm wɔ China neamanyɔni wɔ Tang dynasty. Na ne nua panin ne n'adamfo Li Bai (Li Po) ka ho, wɔtaa frɛ no sɛ ɔno na ɔnim anwonsɛm twerɛ wɔ China.[1] N'anisoadehunu paa ne sɛ ɔbɛsom ne man sɛ Civil servant, nanso ɔdaa no adi sɛ ɔntumi nyɛ saa adwuma no. An Lushan ntɔkwa bɛyɛ ahanson ne aduonum num sɛe n'abrabɔ ne ɔman no nyinaa,na ne mfeɛ du num a ɛtwaatoɔ no yɛɛ atoyerɛnkyɛm nkoa.

Ɛwɔm sɛ ɛnkane no na wɔn a wɔtwerɛ anwonsɛm no bi nim no deɛ, ne nnwuma bɛgyee din wɔ China ne Japan kasadwini amammerɛ mu. Wɔ n'anwonsɛm atwereɛmu, anwomsɛm bɛyɛ apem ne ahanum(1500) na wakora no wɔ mfeɛ pii nie.[2] Chinafoɔ a wɔbɔ nkrɔfoɔ abaso no frɛɛ no "Anwonsɛm-abakwasɛm" ne "anwonsɛm twerɛfoɔ", ɛna sɛdeɛ n'adwuma no si tuu mpɔn no maa no kwan maa no daa no ha adi wɔ akenkanfoɔ a ɛwɔ atɔeɛ fam sɛ "Chinese Virgil, Horace,Ovid, Shakespeare, Milton, Burns, Wordsworth, Béranger, Hugo anaa Baudelaire".[3]

Abrabɔ[sesa]

Tete Chinese a wɔtwerɛ sane kasa fa dwuma a obi di ho kaa biribi faa ɔtwerɛfoɔ abrabɔ aberɛ a wɔn rekyerɛ adwuma bi mu. Dwumadie bi a a America scholar Burton Watson ka faa "links bi a tete Chinafoɔ ka faa art ne papa ne bɔne ho". Ɛnam sɛ na Du Fu anwonsɛm pii fa papa ne bɔne ne abakwasɛm ho nti, saa dwumadie titire ho hia yie paa.[4] Adeɛ baako a Chinese abakwasɛm twerɛfoɔ William Hung kae ne sɛ,mpɛmpii no China anwonsɛm no yɛ ketewa, a wɔyi nnoɔma a ɛho hia firi mu, a anka ɛwɔ sɛ obi a wɔkakyerɛ no a ɔte kurom hɔ hu. Wɔn a wɔte hɔ mprempren a wɔkenkan no, " sɛdeɛ yɛhunu mmerɛ no sɛ ɛyɛ, beaɛ no nnoɔma a ɛwɔ hɔ no mma no nyɛ saa, sɛ yɛde yɛnho to so sɛ ɛnnyɛ papa a nsunsuansoɔ a ɛbɛba ne sɛ yannte anwonsɛm no ase anaa sɛ yadi nkuguo sɛ yɛbɛte ne nyinaa ase".[5] Stephen Owen de nsusuiɛ a ɛtɔ so mmiɛnsa a ɛfa Du Fu ho baa sɛ, wɔnkasa mfa nnoɔma a ɔtwerɛfoɔ no twereɛɛ a ɛfa ɔnoa abrabɔ ho, kyɛn nnoɔma bi ɛho hia a wayi afiri anwonsɛm a watwerɛ nom.[6]

Beaɛ a menyaa mmoa firiiɛ.[sesa]

  1. Ebrey, 103
  2. Ebrey, 103
  3. Hung, 1.
  4. Watson, xvii
  5. Hung, 5
  6. Owen (1981), 184.