Radojka Šverko

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Radojka Šverko
Awo bere9, April 1948
Pazin PR Croatia, FPR Yugoslavia
N'adwumaNnwomtoni • Nnwomtwɛrefoɔ
Years active1967- present

Radojka Šverko (wɔwoo no Oforisuo bosome da a ɛtɔ so nkron wɔ afe apem ahankron ne aduanan nnwɔtwe.) yε odwomtoni baa a ɔfiri Croatian,ɔsane twerɛ nnwom. Sverko yɛ obi a ɔtaa gye abasobɔdeɛ wɔ nwom afahyɛ pii mu, ɛnkyɛ bia ɔgyee bi wɔ split afahyɛ wɔ(mfeɛ mpem mmienu ne num [2005]) mu no a ɔde ne nnwom Licem u lice (lit. "Face to Face") gyeeɛ.

Ɔde albɔm pii aba abɔnten, mmaakommaako ne EPs a ɛdi Croatian ne Yugoslav nkrataa mu.[1]Ɔsane yɛ sinitwani ka ho, a ɔpui wɔ sini beberee mu. Wɔ ɔgyefoɔ bosome nom wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du num mu no, ɔtoo dwom wɔ berɛ a ɔrehyɛ Croatian manpanin Kolinda Grabar-Kitarovic animuonyam.[2]

Abrabɔ ahyɛaseɛ[sesa]

Radojka Sverko (a edin a nnipa dodoɔ no ara de frɛ no ne Radoyka) ɔyɛ Croatian nwotofoɔ a agye din no mu bi. ɔhyɛɛ ne nwom dwumadie yi ase wɔ afe apem ahankron aduosia nson (1967) mu, na mmom wiase nyinaa bɛhunuu no sane nso tee ne nka wɔ afe apem ahankron aduosia nkron (1969) mu berɛ a ɔgyee abasobɔdeɛ sɛ "the most outstanding performance" wɔ nwomtoɔ afahyɛ bi a ɛkɔɔ so wɔ Puerto de la Cruz (Canary Islands).[3]

Ɛfiri hɔ nom reba no, Radojka Sverko asi akan wɔ nwomtoɔ dwumadie pii mu ne nwomtoɔ afahyɛ beberee ase wɔ wiase afaana nyinaa (Tokyo, Curacao, Puerto Rico, Madrid, Athens, etc.)[4] na wagye abasobɔdeɛ ahodoɔ beberee. ɔsane nso to dwom wɔ Croatia dwomtoɔ afahyɛ beberee no ase.[5]

Ɔrehyɛ ne nwomtoɔ no ase no, ɔne philharmonic and symphonic orchestras ka bɔɔmu too dwom ahodoɔ pii wɔ mmea mmea ahodoɔ beberee a agyegye din yie. (Sydney Opera House, Palais de Sport in Paris, Olympic Stadium in Athens, etc.).[5]

Nwomtoɔ dwumadie ahodoɔ[sesa]

Radojka Sverko sane nso di dwumadie sononko wɔ Croatian rock operas ne musicals Karolina Rijecka, Gubec-beg, Gricka vjestica mu yie. Asɛm titirew baako koraa a ɛyɛ obiara animsɛm ne sɛ Zagreb „Komedija“ yɛɛ wɔn production a ɛdi kan a wɔfrɛɛ no Les Miserables berɛ a wɔyɛɛ Paris deɛ no wie no ara, wɔ afe apem ahankron ne aduowɔtwe mmienu (1982) mu no, mfie beberee mpo koraa ansa na New York ne London ɛde wɔn musical no reba. wɔ Croatian nwomtoɔ dwumadie mu no deɛ, Radojka Sverko di ne dwuma sɛ Fantine.[3]

Ɔsane nso dii dwuma kakra wɔ sini a Rajko Grlic ɛtwae mu, Bravo Maestro (alongside Rade Serbedzija), a wɔbɛyii no wɔ Cannes Film afahyɛ ase wɔ afe apem ahankron aduoson nwɔtwe (1978) mu.

Wato nnwom ahodoɔ, ɛfiri chansons de kɔsi jazz, ɛfiri blues de kɔsi rock, ɛfiri classical music kɔsi musicals, yie na ɛma no da mu sononko firi afoforɔ a wɔto dwom wɔ Croatian adwomtofoɔ nyinaa mu.[3]

Beaɛ a menyaa mmoa firiiɛ.[sesa]

  1. "Radojka Šverko". Discogs.com. Retrieved 29 March 2012.
  2. "400 LJUDI SLUŠALO DOLENČIĆA Pogledajte kako je prošla generalna proba Kolindine inauguracije". Jutarnji list. Retrieved 14 February 2015.
  3. 3.0 3.1 3.2 https://www.reverbnation.com/radojka%C5%A0verko
  4. http://www.womarts.eu/ambassadors/radojka-sverko/
  5. 5.0 5.1 https://www.discogs.com/artist/1052958-Radojka-%C5%A0verko